Romans 10

Gyidi ne bɔneka

1Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye. 2Metumi madi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdenbɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu. 3Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no na mmom wɔpɛe sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. 4Kristo abesi mmara no ananmu na obiara a ogye no di no dan ɔtreneeni.

Nkwagye wɔ hɔ ma obiara

5Asɛm a Mose ka faa mmara no ho se, sɛ obi di so a, ɔbɛdan ɔtreneeni no ni: “Obiara a odi me mmara so no benya nkwa. 6Mmisa wo ho se hena na ɔbɛkɔ soro? Ɛkyerɛ sɛ ɔbɛma Kristo asian. 7Nka nso se hena na obesian akɔ asaman? Ɛkyerɛ sɛ wobenyan Kristo afi asaman.”

8Nea Kyerɛwsɛm no ka ni, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no. 9Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade”, na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyanee no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. 10Na yɛnam koma so gye di na wɔabu yɛn bem wɔ Onyankopɔn anim, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye. 11Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ogye no di no anim rengu ase.” 12Saa asɛm yi fa obiara ho, efisɛ, nsonsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Onyankopɔn yɛ Awurade koro ma nnipa nyinaa na ohyira wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, 13sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa” no.

14Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi afrɛ obi a wunnye no nni? Ɛbɛyɛ dɛn nso na wubegye obi a wontee ne ho asɛm adi? Ɛbɛyɛ dɛn na sɛ obi nkaa Asɛmpa no nkyerɛɛ wɔn a, wɔbɛte? 15Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Asɛmpakafo no ba a wɔreba no yɛ anigyesɛm.”

16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?” 17Ɛnne na gyidi no fi asɛnka no tie mu, ɛnna asɛnka no nso nam Kristo ho asɛnka no so ba.

18Nanso mibisa se, ɛyɛ nokware sɛ wɔante asɛnka no? Nokwarem, wɔtee, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Wɔn nne duu wiase mmaa nyinaa, na afei wɔn nsɛm duu asase ano.” 19Mibisa bio se, na Israelfo nnim anaa? Mose ankasa na odii kan maa ho mmuae se, “Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman mpo no ho ninkunu. Mɛma mo bo afuw ɔman a wonni ntease.” 20Na Yesaia si ne bo ka se, “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me no huu me. Medaa me ho adi wɔ wɔn a na wommisaa mʼase no anim.” 21Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ, “Daa nyinaa meteɛ me nsa ma nnipa asoɔdenfo a wɔsɔre tia me.”

Copyright information for TwiNAK